John 16

Awerɛhow ne anigye wɔ yɛn anim

1“Maka eyinom nyinaa akyerɛ mo na moatumi agyina hɔ pintinn. 2Wɔbɛpam mo afi wɔn asɔredan mu. Na bere bi bɛba a obiara a obekum mo no besusuw sɛ, sɛ ɔyɛ saa a, na ɔresom Onyankopɔn. 3Wɔde saa nneɛma yi bɛyɛ mo, efisɛ, wonnim Agya no na me nso wonnim me. 4Nanso maka eyi akyerɛ mo sɛnea ɛbɛyɛ a, sɛ bere no du a, mobɛkae nea meka kyerɛɛ mo no. Mfitiase no, manka eyi ankyerɛ mo, efisɛ na meka mo ho.

Honhom Kronkron dwumadi

5“Afei de merekɔ nea ɔsomaa me no nkyɛn. Nanso mo mu biara mmisaa me se, ‘Ɛhe na worekɔ?’ 6Nea maka akyerɛ mo yi ama mo werɛ ahow. 7Nanso meka nokware kyerɛ mo; eye ma mo sɛ mɛkɔ, efisɛ, sɛ mankɔ a, ɔboafo no remma mo nkyɛn.

8“Nanso sɛ mekɔ a, mɛsoma no aba mo nkyɛn. Na sɛ ɔba a, ɔbɛma wiasefo ahu wɔn bɔne ne nea ɛyɛ trenee ne Onyankopɔn atemmu. 9Nea wɔka fa bɔne ho no nyɛ nokware, efisɛ, wonnye me nni. 10Nea wɔka fa trenee ho no nyɛ nokware, efisɛ, merekɔ Agya no nkyɛn na morenhu me bio. 11Saa ara na nea wɔka fa atemmu ho no nso nyɛ nokware, efisɛ, wɔabu wiase yi temmufo no atɛn dedaw.

12“Mewɔ nsɛm pii ka kyerɛ mo nanso mprempren de, morentumi nte ase. 13Sɛ nokware Honhom no ba a, ɔbɛma moahu nokware no nyinaa. Ɔrenkasa mma ne ho na mmom, nea ɔte no na ɔbɛka, na ɔbɛka nneɛma a ɛbɛba no ho nsɛm akyerɛ mo. 14Ɔbɛhyɛ me anuonyam, efisɛ, obetie asɛm biara a meka no na wabɛka akyerɛ mo. 15Biribiara a mʼagya wɔ no yɛ me de. Ɛno nti na mekae se, Honhom no betie biribiara a meka kyerɛ no, na wabɛka akyerɛ mo no.

Awerɛhow ne anigye

16“Aka kakraa bi morenhu me, nanso ɛno akyi no, ɛrenkyɛ koraa, mubehu me bio!”

17Asuafo no bi bisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Eyi ase ne dɛn? Ɔreka akyerɛ yɛn se, ‘Aka kakraa bi morenhu me nanso ɛno akyi no, ɛrenkyɛ koraa na moasan ahu me.’ Ɔsan ka bio se, ‘Efisɛ, merekɔ Agya no nkyɛn.’ ”

18Wɔsan bisaa bio se, “Saa asɛm, ‘aka kakra’ yi ase ne dɛn? Yɛnte nea ɔreka yi ase.”

19Yesu hui sɛ wɔpɛ sɛ wobisa no asɛm a ɔkae no ase no nti, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mekae se, ‘aka kakraa bi morenhu me nanso ɛno akyi no, ɛrenkyɛ koraa mubehu me bio’. Eyi ne asɛm a monte ase a enti morebisabisa mo ho mo ho yi? 20Meka nokware akyerɛ mo; mo werɛ bɛhow na moasu nanso wiasefo ani begye. Mubedi awerɛhow nanso mo awerɛhow no bɛdan anigye. 21Sɛ ɔbea rebɛwo a, na werɛ how, efisɛ, nʼamanehunu bere adu so. Nanso sɛ onya wo a, ne werɛ fi ne yaw, efisɛ, nʼani gye sɛ wawo onipa aba wiase. 22Saa ara na ɛte wɔ mo ho. Mprempren de, mo werɛ ahow. Nanso mehu mo bio ama mo ani agye na obi rentumi nnye saa anigye no mfi mo nsam. 23Sɛ saa da no du a, moremmisa me biribiara. Meka nokware akyerɛ mo, Agya no de biribiara a mode me din bebisa no bɛma mo. 24Ebesi saa bere yi, momfaa me din mmisaa biribiara da. Mummisa na wɔde bɛma mo na mo anigye awie pɛyɛ.

Wiase so nkonimdi

25“Menam abebu mu na maka eyinom akyerɛ mo. Nanso bere bi bɛba a merenkasa abebu mu bio na mmom, mɛka biribiara a ɛfa Agya no ho no fann akyerɛ mo. 26Sɛ saa da no du a, mode me din bebisa no biribiara a ɛho hia mo. Menka se me na mebisa Agya no ama mo, 27efisɛ, Agya no ankasa dɔ mo. Ɔdɔ mo, efisɛ, modɔ me na moagye adi sɛ mifi Onyankopɔn nkyɛn na mebae. 28Mifi Agya no nkyɛn na mebaa wiase; na afei merefi wiase akɔ Agya no nkyɛn.”

29Nʼasuafo no ka kyerɛɛ no se, “Afei de, wokasa pefee ma yɛte wo ase. 30Yɛahu sɛ wunim biribiara; ɛho nhia sɛ obi bisa wo nsɛm. Eyi ama yɛagye adi sɛ wufi Onyankopɔn nkyɛn.”

31Yesu buaa wɔn se. “Afei de, mugye di? 32Bere bi rebedu na mpo adu dedaw a mo nyinaa bɛhwete na obiara akɔ ne fi na aka me nko. Nanso ɛrenka me nko efisɛ, Agya no ka me ho. 33Maka eyinom akyerɛ mo na moanya asomdwoe wɔ me mu. Mubehu amane wɔ wiase. Nanso munnyina pintinn! Madi wiase so nkonim!”

Copyright information for TwiNAK